Full Lyrics
Yεhwε wo, Yεhwε wo, Wiase nyinaa hwε wo
Wo nanteε mu o, Wo kasa mu o, Wo nneyɔe mu o, Yεhwε wo
Wɔhwε wo, Wɔhwε wo, Abɔfo nyinaa nso hwε wo
Wo nanteε mu o, kasa mu o, Wo nneyɔe mu o, Wɔhwε wo!
Wɔhwε wo, Wɔrekan wo, Wɔrekari wo, Okristoni amapa wɔrekan wo!
Na sɛ wohwehwε wo mu, Na wɔanhun' Kristo a,
Ɛnneε ɛhen' fa Na wɔbehun' Aw'rade?
Na sɛ wohwehwε wo mu, Na wɔanhun' Kristo a,
Ɛnneε ɛhen' fa Na wɔbehun' Aw'rade?
Tε ky'rεma yε o nipa ho ade ketewa bi
Nanso ne nnam sen nkrantε nifanu biara
Ɛkyekye ɔman, Ɛhye kwaeε akεse ne nketewa ɛmmɔnten so
Dwen' nea wobεka no ho yie, Ka kasadε, Fa nok'rεdie
Wɔ w'adwumayεm' Kasa nyansam' brεbrε Ka n'abotrεm'
Na se onipa te no se Sε ɔkasa a'a ne no.
Daa Asεm a epue nipa 'no N'efri akoma mu o.
Daa Ano a ɛbɔ Mpaeε enni nsek'ro enni nkɔnkɔnsa
Daa Ano a yε de hy'ra no yεmfa nnome o!
Yεhwε wo, Yεhwε wo, Wiase nyinaa hwε wo
Wo nanteε mu o, Wo kasa mu o, Wo Nneyεe mu o, yεhwε wo
Wɔhwε wo, Wɔhwε wo, Abɔfo nyinaa nso hwε wo
Wo nanteε mu o, Wo kasa mu o, Wo Nneyεe mu o, wɔhwε wo!
Mo ne wiase hann, kuro a ɛda bepɔ so nhinta o
Enti monnodɔ mo ho mo ho, Enti monnodɔ mo ho mo ho
Enti momma mo akanea nhyerεn wɔ nnipa mu sε wɔbεhu mo,
Enti monyε mo ho kronn mo nnwuma ne a brabɔ'i mu o.
Na sε wo suban pa mo Afofro fiasεmpa no ho a
Ɛnneε sesa wo suban, Sesa sesaw' suban
Wɔhwε wo, Wɔrekan wo, Wɔhwε wo
Enti sesa o, Sesaw' suban sesa, sesa, sesa wo suban sesa.
wɔrekan wo, Wɔhwε wo
Enti sesa o, sesa wo suban, Sesa o, Sesa o, sesa!
Sesa wo suban, wohwε wo, Wɔrekan wo, wohwε wo
Sesa sesa, Sesa wo suban, Sesa o, Sesa
Na sε wo suban pamo a fofro fi Asεmpa no ho a,
Ɛnnee sesaw' suban o, Sesa sesa wo suban oo!
Kristo suban ne atutupε'i Sakra o
Okristoni ntɔkwapεfoɔ oniedεnfoɔ Mansotweni sesa wo suban!
Kristo suban ne Ɔtanh'nu'i?
Sakra o, Okristoni a Nitan wo ne mu, Ahoɔyaa Kɔnkɔnsani Sesa wo suban!
Kristo suban ne ahomaso ɔ'i Sakra o
Okristoni Sikanib're pεsεmekomenya Yamuonnyonfo ɔ Sesa wo suban!
CODA
Wɔhwε wo, Wɔrekan wo, Wɔrekari wo.