Full Lyrics
Ɔdomankoma'e mɛbɔ Wo din w'amansan anim
Ɔdomankoma'e meyi w'ayɛ w'amansan anim
Ɔdomankoma'e mepagya wo w'amansan anim
Dea wayɛ so'o! Mɛtontom Wo Ɔdomankoma.
Adebɛkye yɛn a efri woa w'adom Ɔdomankoma.
Adebɛsa yɛn a efri woa w'adom Ɔdomankoma.
Yebenya hotɔ a efri Wo'a w'adom Ɔdomankoma.
Dea W'ayɛ'i so, Dea w'ayɛ'i dɔɔso'o! Ɔdomankoma.
W'adɔ yɛ so, W'ayemye dɔɔso'o! Ɔdomankoma.
Y'aseda, y'ayeyie, yɛ ntontom, yɛ nkamfo, yɛ nhyira, yɛ dwomto yɛ de ma'W'
Oh, dea W'ayɛ'i so'o! Mɛtontom Wo Ɔdomankoma.
Adebɛkye Ɔdomankoma.
Y'ayaresa fri W' yaresafo Agya'i! Ɔdomankoma.
Y'asomdwoe fri W' Wona Wo de ma yɛn o Ɔdomankoma.
Yɛɛkɔ'a, yɛɛba'i ɛyɛ woara W'adom Ɔdomankoma.
Nea yetumi kɔ, nea yetumi yɛ fri Wo Ɔdomankoma.
W'adɔ yɛ so, W'ayemye dɔɔso'o! Ɔdomankoma.
Y'aseda, y'ayeyie, yɛ ntontom, yɛ nkamfo, yɛ nhyira, yɛ dwomto yɛ de ma'W'
Oh, dea W'ayɛ'i so'o! Mɛtontom Wo Ɔdomankoma.
Ɔdomankoma, Ɔdomankoma!