Full Lyrics
Asaase nyinaa monto dwom,
monto dwom, mommɔse,
monto dwom foforɔ mma no,
monto dwom foforɔ mma no.
Asaase nyinaa, oh monto dwom mma no,
monto dwom mma no.
Oye daa, oye daa,
oye n'adɔyɛ dɔɔso'o.
Yɛn dwom yi'ara ne y'aseda,
Nea w'ayɛ'a ma yɛn dɔɔso.
Nea y'ahoɔden entumi'a nyɛ no,
Nyame'I w'ayɛ'a broso'a ma yɛn.
Aseda nko'ara'o,
Ayeyi nko'ara na'ɛfata wo,
na'ɛfata wo.
Aseda, Agya'i,
Ayeyi, Agya'i nea w'aye'i dɔɔso'o.
Wo ne yɛn nam ogya no mu,
nti ogya no'anhye yɛn.
Wo ne yɛn nam esu yìri no mu,
entumi'anfa yɛn.
Wo ne yɛn nam esian nyinaa mu,
mmusu bi'anto yɛn.
Aseda nko'ara na'ɛsɛ wo,
Ayeyi nko'ara na'ɛfata wo.
Wo nko'ara na'ɛsɛ wo,
Agya'i nea w'aye'i dɔɔso'o.
Wo nko'ara'o,
Agya'i nea w'aye'i dɔɔso'o.
Yɛda w'aseda w'ase'ara,
Yɛnwùra'i wo dwom nie o, Aseda'o.
Nea w'ayɛ'a ma yɛn no daa,
sebrɛ'i wo dwom nie o, Aseda.
Nko'ara na'ɛsɛ wo,
Ayeyi nko'ara na'ɛfata wo.
Wo nko'ara na'ɛsɛ wo,
Agya'i nea w'aye'i dɔɔso'o.
Wo nko'ara'o,
Agya'i nea w'aye'i dɔɔso'o.